Native Bible

Isaiah 59:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.

Isaiah 59:10 in English

Isaiah 59:10 · Berean Standard Bible

Like the blind, we feel our way along the wall, groping like those without eyes. We stumble at midday as in the twilight; among the vigorous we are like the dead.

Context

8Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim; atɛntenenee nni wɔn akwan so. Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi. Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ. 9Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware, na adetenenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum; deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu. 10Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ. 11Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri. 12Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.