Native Bible

Isaiah 59:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:

Isaiah 59:12 in English

Isaiah 59:12 · Berean Standard Bible

For our transgressions are multiplied before You, and our sins testify against us. Our transgressions are indeed with us, and we know our iniquities:

Context

10Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ. 11Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri. 12Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu: 13atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade, yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn, nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ, atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka. 14Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi, na adetenenee akɔgyina baabi; nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so. Nokorɛdie ntumi mma mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.