Yesaia 59:9
Isaiah 59:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware, na adetenenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum; deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.
Isaiah 59:9 in English
Isaiah 59:9 · Berean Standard Bible
Therefore justice is far from us, and righteousness does not reach us. We hope for light, but there is darkness; for brightness, but we walk in gloom.
Context
7Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne;
wɔnkyɛre opira ne awudie ho.
Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa. 8Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim;
atɛntenenee nni wɔn akwan so.
Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi.
Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ. 9Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware,
na adetenenee mmɛn yɛn.
Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum;
deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu. 10Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho
hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani.
Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ;
yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ. 11Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire;
yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma.
Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi;
ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.