Yesaia 59:7
Isaiah 59:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛre opira ne awudie ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
Isaiah 59:7 in English
Isaiah 59:7 · Berean Standard Bible
Their feet run to evil; they are swift to shed innocent blood. Their thoughts are sinful thoughts; ruin and destruction * lie in their wake.
Context
5Wɔhwane ananka nkosua
na wɔnwono ananse ntontan.
Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu,
emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia. 6Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ;
wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho.
Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne,
na wɔdi akakabensɛm. 7Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne;
wɔnkyɛre opira ne awudie ho.
Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa. 8Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim;
atɛntenenee nni wɔn akwan so.
Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi.
Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ. 9Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware,
na adetenenee mmɛn yɛn.
Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum;
deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.