Yesaia 57:3
Isaiah 57:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima, mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!
Isaiah 57:3 in English
Isaiah 57:3 · Berean Standard Bible
“But come here, you sons of a sorceress, you offspring of adulterers and prostitutes!
Context
1Ateneneefoɔ wu,
na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu;
wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ,
na obiara nte aseɛ
sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ
sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu. 2Wɔn a wɔnante tee no
wɔhyɛne asomdwoeɛ mu;
wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ. 3“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,
mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma! 4Hwan na moresere no?
Hwan na moredi ne ho fɛ
na morebɔ no adapaa yi?
Monnyɛ atuatefoɔ fekuo
ne atorofoɔ asefoɔ anaa? 5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu
ne dua biara ase;
mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu
ne abotan mpaapaeɛ ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.