Native Bible

Isaiah 57:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa?

Isaiah 57:4 in English

Isaiah 57:4 · Berean Standard Bible

Whom are you mocking? At whom do you snarl and stick out your tongue? Are you not children of transgression, offspring of deceit,

Context

2Wɔn a wɔnante tee no wɔhyɛne asomdwoeɛ mu; wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ. 3“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima, mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma! 4Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa? 5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu ne dua biara ase; mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu ne abotan mpaapaeɛ ase. 6Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.