Native Bible

Isaiah 57:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?

Isaiah 57:6 in English

Isaiah 57:6 · Berean Standard Bible

Your portion is among the smooth stones of the valley; indeed, they are your lot. Even to them you have poured out a drink offering and offered a grain offering. Should I relent because of these?

Context

4Hwan na moresere no? Hwan na moredi ne ho fɛ na morebɔ no adapaa yi? Monnyɛ atuatefoɔ fekuo ne atorofoɔ asefoɔ anaa? 5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu ne dua biara ase; mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu ne abotan mpaapaeɛ ase. 6Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no, wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ. Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn. Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa? 7Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ. 8Mo apono ne aponnwa akyi na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi. Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma, mokɔdaa so na motrɛɛ mu; mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam, na mohwɛɛ wɔn adagya mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.