Yesaia 57:7
Isaiah 57:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so; ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.
Isaiah 57:7 in English
Isaiah 57:7 · Berean Standard Bible
On a high and lofty hill you have made your bed, and there you went up to offer sacrifices.
Context
5Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu
ne dua biara ase;
mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu
ne abotan mpaapaeɛ ase. 6Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no,
wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.
Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so
na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.
Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa? 7Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;
ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ. 8Mo apono ne aponnwa akyi
na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.
Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,
mokɔdaa so na motrɛɛ mu;
mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,
na mohwɛɛ wɔn adagya mu. 9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn
na momaa mo nnuhwam dɔɔso.
Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;
mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.