Yesaia 57:9
Isaiah 57:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn na momaa mo nnuhwam dɔɔso. Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri; mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!
Isaiah 57:9 in English
Isaiah 57:9 · Berean Standard Bible
You went to Molech * with oil and multiplied your perfumes. You have sent your envoys * a great distance; you have descended even to Sheol itself.
Context
7Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;
ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ. 8Mo apono ne aponnwa akyi
na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.
Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,
mokɔdaa so na motrɛɛ mu;
mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,
na mohwɛɛ wɔn adagya mu. 9Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn
na momaa mo nnuhwam dɔɔso.
Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;
mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa! 10Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,
nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’
Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,
enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ. 11“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei
a enti moanni me nokorɛ,
na moankae me
anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?
Mayɛ dinn akyɛre no enti
na monnsuro me anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.