Native Bible

Isaiah 57:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ateneneefoɔ wu, na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu; wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ, na obiara nte aseɛ sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.

Isaiah 57:1 in English

Isaiah 57:1 · Berean Standard Bible

The righteous perish, and no one takes it to heart; devout men are swept away, while no one considers that the righteous are guided from the presence of evil.

Context

1Ateneneefoɔ wu, na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu; wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ, na obiara nte aseɛ sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu. 2Wɔn a wɔnante tee no wɔhyɛne asomdwoeɛ mu; wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ. 3“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima, mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.