Yesaia 57:14
Isaiah 57:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔbɛka sɛ: “Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no! Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”
Isaiah 57:14 in English
Isaiah 57:14 · Berean Standard Bible
And it will be said, “Build it up, build it up, prepare the way, take every obstacle out of the way of My people.”
Context
12Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,
na ɛho remma mo mfasoɔ. 13Sɛ moteam pɛ mmoa a,
momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!
Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,
ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.
Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no
bɛdi asase no so
na wafa me bepɔ kronkron no.” 14Na wɔbɛka sɛ:
“Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!
Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.” 15Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,
deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ:
“Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,
me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,
sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,
na makanyane nʼakoma a abubu no. 16Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,
na mebo remfu daa,
sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,
onipa ahome a me na mabɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.