Yesaia 57:12
Isaiah 57:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi, na ɛho remma mo mfasoɔ.
Isaiah 57:12 in English
Isaiah 57:12 · Berean Standard Bible
I will expose your righteousness and your works, and they will not profit you.
Context
10Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,
nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’
Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,
enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ. 11“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei
a enti moanni me nokorɛ,
na moankae me
anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?
Mayɛ dinn akyɛre no enti
na monnsuro me anaa? 12Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,
na ɛho remma mo mfasoɔ. 13Sɛ moteam pɛ mmoa a,
momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!
Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,
ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.
Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no
bɛdi asase no so
na wafa me bepɔ kronkron no.” 14Na wɔbɛka sɛ:
“Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!
Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.