Native Bible

Isaiah 57:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ moteam pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no bɛdi asase no so na wafa me bepɔ kronkron no.”

Isaiah 57:13 in English

Isaiah 57:13 · Berean Standard Bible

When you cry out, let your companies of idols deliver you! Yet the wind will carry off all of them, a breath will take them away. But he who seeks refuge in Me will inherit the land and possess My holy mountain.”

Context

11“Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei a enti moanni me nokorɛ, na moankae me anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu? Mayɛ dinn akyɛre no enti na monnsuro me anaa? 12Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi, na ɛho remma mo mfasoɔ. 13Sɛ moteam pɛ mmoa a, momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo! Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ, ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn. Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no bɛdi asase no so na wafa me bepɔ kronkron no.” 14Na wɔbɛka sɛ: “Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no! Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.” 15Na yei ne deɛ ɔkorɔn no, deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ: “Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron, me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te, sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom, na makanyane nʼakoma a abubu no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.