Yesaia 54:7
Isaiah 54:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
Isaiah 54:7 in English
Isaiah 54:7 · Berean Standard Bible
“For a brief moment I forsook you, but with great compassion I will bring you back.
Context
5Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu
Asafo Awurade ne ne din,
Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ.
Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn. 6Awurade bɛsane afrɛ wo
te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu,
ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu
na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ. 7“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu,
nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba. 8Abufuo mmorosoɔ mu,
mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,
nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,
mɛhunu wo mmɔbɔ,”
deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie. 9“Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ
meremma nsuyire nkata asase ani bio.
Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio,
na merenka wʼanim bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.