Native Bible

Isaiah 54:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.

Isaiah 54:5 in English

Isaiah 54:5 · Berean Standard Bible

For your husband is your Maker— the LORD of Hosts is His name— the Holy One of Israel is your Redeemer; He is called the God of all the earth.

Context

3Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum; wʼasefoɔ bɛgye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so. 4“Nsuro. Wʼanim rengu ase. Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio. 5Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn. 6Awurade bɛsane afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ. 7“Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.