Yesaia 52:4
Isaiah 52:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
Isaiah 52:4 in English
Isaiah 52:4 · Berean Standard Bible
For this is what the Lord GOD says: “At first My people went down to Egypt to live, then Assyria oppressed them without cause.
Context
2Poroporo wo ho mfuturo.
Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem.
Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu,
Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum. 3Na yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Wɔantɔn wo annye hwee,
na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.” 4Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:
“Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ;
akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. 5“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ.
“Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa,
na wɔn sodifoɔ di fɛw,”
Awurade na ɔseɛ.
“Ɛda mu no nyinaa
wɔkɔ so gu me din ho fi. 6Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din;
enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ
ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm.
Aane, ɛyɛ me.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.