Native Bible

Isaiah 52:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.

Isaiah 52:5 in English

Isaiah 52:5 · Berean Standard Bible

And now what have I here? declares the LORD. For My people have been taken without cause; those who rule them taunt,* declares the LORD, and My name is blasphemed continually all day long.*

Context

3Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.” 4Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. 5“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi. 6Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Aane, ɛyɛ me.” 7Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.