Native Bible

Isaiah 52:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”

Isaiah 52:3 in English

Isaiah 52:3 · Berean Standard Bible

For this is what the LORD says: “You were sold for nothing, and without money you will be redeemed.”

Context

1Nyane, nyane, Ao Sion, hyɛ ahoɔden aduradeɛ no. Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapono mu bio. 2Poroporo wo ho mfuturo. Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu, Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum. 3Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.” 4Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so. 5“Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.