Native Bible

Isaiah 5:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu na mpaboa ahoma biara nso rente.

Isaiah 5:27 in English

Isaiah 5:27 · Berean Standard Bible

None of them grows weary or stumbles; no one slumbers or sleeps. No belt is loose and no sandal strap is broken.

Context

25Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so, wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔ no woso, na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ, na ne nsa da so wɔ soro. 26Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman, ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, ɔherɛ so ne ntɛm so! 27Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu na mpaboa ahoma biara nso rente. 28Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ, wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa. 29Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.