Yesaia 5:26
Isaiah 5:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman, ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, ɔherɛ so ne ntɛm so!
Isaiah 5:26 in English
Isaiah 5:26 · Berean Standard Bible
He lifts a banner for the distant nations and whistles for those at the ends of the earth. Behold—how speedily and swiftly they come!
Context
24Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ
na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no,
saa ara na mo nhini bɛporɔ,
na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo;
ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara
na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm. 25Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,
wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.
Mmepɔ no woso,
na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira.
Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,
na ne nsa da so wɔ soro. 26Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,
ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.
Wɔn na wɔreba no,
ɔherɛ so ne ntɛm so! 27Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,
obiara ntɔ nko na ɔnna;
abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu
na mpaboa ahoma biara nso rente. 28Wɔn agyan ano yɛ nnam,
na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;
wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,
wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.