Yesaia 5:29
Isaiah 5:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
Isaiah 5:29 in English
Isaiah 5:29 · Berean Standard Bible
Their roaring is like that of a lion; they roar like young lions. They growl and seize their prey; they carry it away from deliverance.
Context
27Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,
obiara ntɔ nko na ɔnna;
abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu
na mpaboa ahoma biara nso rente. 28Wɔn agyan ano yɛ nnam,
na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;
wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,
wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa. 29Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ,
na wɔbobɔm sɛ gyata mma;
wɔpɔso kyere wɔn hanam
na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. 30Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so
sɛdeɛ ɛpo woro soɔ.
Na sɛ obi hwɛ asase no a,
ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;
omununkum bɛma hann aduru sum.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.