Native Bible

Isaiah 5:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so sɛdeɛ ɛpo woro soɔ. Na sɛ obi hwɛ asase no a, ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.

Isaiah 5:30 in English

Isaiah 5:30 · Berean Standard Bible

In that day they will roar over it, like the roaring of the sea. If one looks over the land, he will see darkness and distress; even the light will be obscured by clouds.

Context

28Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ, wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa. 29Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ. 30Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so sɛdeɛ ɛpo woro soɔ. Na sɛ obi hwɛ asase no a, ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.