Yesaia 49:15
Isaiah 49:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo!
Isaiah 49:15 in English
Isaiah 49:15 · Berean Standard Bible
“Can a woman forget her nursing child, or lack compassion for the son of her womb? Even if she could forget, I will not forget you!
Context
13Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;
di ahurisie, Ao asase;
monto nnwom, Ao mmepɔ!
Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,
na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ. 14Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ,
Awurade werɛ afiri me.” 15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano
a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?
Ebia ne werɛ bɛfiri,
na me werɛ remfiri wo! 16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam
wʼafasuo wɔ mʼani so daa. 17Mo mmammarima resane aba ntɛm so;
na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.