Native Bible

Isaiah 49:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.”

Isaiah 49:14 in English

Isaiah 49:14 · Berean Standard Bible

But Zion said, “The LORD has forsaken me; the Lord has forgotten me!”

Context

12Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.” 13Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ. 14Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.” 15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo! 16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.