Native Bible

Isaiah 49:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

Isaiah 49:13 in English

Isaiah 49:13 · Berean Standard Bible

Shout for joy, O heavens; rejoice, O earth; break forth in song, O mountains! For the LORD has comforted His people, and He will have compassion on His afflicted ones.

Context

11Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn. 12Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.” 13Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ. 14Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.” 15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.