Native Bible

Isaiah 49:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.

Isaiah 49:17 in English

Isaiah 49:17 · Berean Standard Bible

Your builders * hasten back; your destroyers and wreckers depart from you.

Context

15“Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo! 16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa. 17Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ. 18Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu. 19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.