Native Bible

Isaiah 49:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.

Isaiah 49:18 in English

Isaiah 49:18 · Berean Standard Bible

Lift up your eyes and look around. They all gather together; they come to you. As surely as I live,” declares the LORD, “you will wear them all as jewelry and put them on like a bride.

Context

16Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa. 17Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ. 18Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu. 19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri. 20Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.