Yesaia 49:20
Isaiah 49:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
Isaiah 49:20 in English
Isaiah 49:20 · Berean Standard Bible
Yet the children of your bereavement will say in your hearing, ‘This place is too small for us; make room for us to live here.’
Context
18Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;
mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.
Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ,
“mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho
mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu. 19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa
maa mo asase daa mpan deɛ,
nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,
na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri. 20Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no
bɛka ama moate sɛ,
‘Ɛha sua ma yɛn dodo;
momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’ 21Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ,
‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me?
Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;
wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.
Hwan na ɔtetee yeinom?
Wɔgyaa me nko ara
na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ” 22Sei na Asafo Awurade seɛ:
“Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,
mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.
Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba
na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.