Native Bible

Isaiah 49:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ”

Isaiah 49:21 in English

Isaiah 49:21 · Berean Standard Bible

Then you will say in your heart, ‘Who has begotten these for me? I was bereaved and barren; I was exiled and rejected. So who has reared them? Look, I was left all alone, so where did they come from?’”

Context

19“Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri. 20Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’ 21Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ” 22Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so. 23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.