Native Bible

Isaiah 49:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”

Isaiah 49:23 in English

Isaiah 49:23 · Berean Standard Bible

Kings will be your foster fathers, and their queens your nursing mothers. They will bow to you facedown and lick the dust at your feet. Then you will know that I am the LORD; those who hope in Me will never be put to shame.”

Context

21Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ ” 22Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so. 23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.” 24Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam? 25Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.