Native Bible

Isaiah 49:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?

Isaiah 49:24 in English

Isaiah 49:24 · Berean Standard Bible

Can the plunder be snatched from the mighty, or the captives of a tyrant * be delivered?

Context

22Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so. 23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.” 24Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam? 25Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa. 26Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã. Afei adasamma nyinaa bɛhunu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.