Yesaia 49:25
Isaiah 49:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa.
Isaiah 49:25 in English
Isaiah 49:25 · Berean Standard Bible
Indeed, this is what the LORD says: “Even the captives of the mighty will be taken away, and the plunder of the tyrant will be retrieved; I will contend with those who contend with you, and I will save your children.
Context
23Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,
na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.
Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;
wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.
Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade;
Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.” 24Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;
anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam? 25Nanso, sei na Awurade seɛ:
“Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam
na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;
me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya
na mɛgye mo mma nkwa. 26Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;
wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.
Afei adasamma nyinaa bɛhunu
sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,
mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.