Native Bible

Isaiah 48:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.”

Isaiah 48:19 in English

Isaiah 48:19 · Berean Standard Bible

Your descendants would have been as countless as the sand, and your offspring as numerous as its grains;* their name would never be cut off or eliminated from My presence.”

Context

17Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ. 18Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye. 19Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.” 20Momfiri Babilonia, monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn! Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ na mo mpae mu nka yei. Momfa nkɔ nsase ano; monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.” 21Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no, ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.