Native Bible

Isaiah 48:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.

Isaiah 48:18 in English

Isaiah 48:18 · Berean Standard Bible

If only you had paid attention to My commandments, your peace would have been like a river, and your righteousness like waves of the sea.

Context

16“Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me. 17Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ. 18Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye. 19Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.” 20Momfiri Babilonia, monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn! Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ na mo mpae mu nka yei. Momfa nkɔ nsase ano; monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.