Yesaia 48:16
Isaiah 48:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
Isaiah 48:16 in English
Isaiah 48:16 · Berean Standard Bible
Come near to Me and listen to this: From the beginning I have not spoken in secret; from the time it happened, I was there.” And now the Lord GOD has sent me, accompanied by His Spirit.
Context
14“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie:
ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada?
Awurade ɔboafoɔ a wapa no
bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu;
ne basa bɛtia Babiloniafoɔ. 15Me, me na makasa;
aane, mafrɛ no.
Mede no bɛba,
na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so. 16“Montwe mmɛn me na montie yei:
“Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam;
ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.”
Na afei Asafo Awurade
de ne Honhom asoma me. 17Yei ne deɛ Awurade seɛ,
mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no:
“Mene Awurade mo Onyankopɔn,
deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo,
na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ. 18Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a,
anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten,
na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.