Native Bible

Isaiah 48:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me, me na makasa; aane, mafrɛ no. Mede no bɛba, na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so.

Isaiah 48:15 in English

Isaiah 48:15 · Berean Standard Bible

I, even I, have spoken; yes, I have called him. I have brought him, and he will succeed in his mission.

Context

13Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre. 14“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie: ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa no bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu; ne basa bɛtia Babiloniafoɔ. 15Me, me na makasa; aane, mafrɛ no. Mede no bɛba, na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so. 16“Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me. 17Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.