Native Bible

Isaiah 47:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.”

Isaiah 47:3 in English

Isaiah 47:3 · Berean Standard Bible

Your nakedness will be uncovered and your shame will be exposed. I will take vengeance; I will spare no one.”

Context

1“Siane kɔ, tena mfuturo mu, Ɔbabaa bunu Babilonia; tena fam. Worentena ahennwa so bio, Ɔbabaa Babiloniafoɔ. Wɔremfrɛ wo bio sɛ, ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio. 2Fa owiyammoɔ na yam esiam; yi wo nkatanimu no. Pagya wʼatadeɛ kɔ soro, na wo nan ho ngu hɔ, na fa nsuwansuwa no mu. 3Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.” 4Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni. 5“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.