Native Bible

Isaiah 47:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa.

Isaiah 47:5 in English

Isaiah 47:5 · Berean Standard Bible

“Sit in silence and go into darkness, O Daughter of Chaldea. For you will no longer be called the queen of kingdoms.

Context

3Wʼadagya bɛda adi na wʼanimguaseɛ so renkata. Mɛtɔ were; memfa obiara ho nkyɛ no.” 4Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din, ɔno ne Israel Kronkronni. 5“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu, Ɔbabaa Babilonia; wɔremfrɛ wo bio sɛ ahennie ahodoɔ so hemaa. 6Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru. 7Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa, ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’ Nanso woannwene saa nneɛma yi ho na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.