Yesaia 47:6
Isaiah 47:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me bo fuu me nkurɔfoɔ, na meguu mʼagyapadeɛ ho fi; mede wɔn hyɛɛ wo nsa, na woanhunu wɔn mmɔbɔ. Nkɔkoraa koraa mpo wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.
Isaiah 47:6 in English
Isaiah 47:6 · Berean Standard Bible
I was angry with My people; I profaned My heritage, and I placed them under your control. You showed them no mercy; even on the elderly you laid a most heavy yoke.
Context
4Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din,
ɔno ne Israel Kronkronni. 5“Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu,
Ɔbabaa Babilonia;
wɔremfrɛ wo bio sɛ
ahennie ahodoɔ so hemaa. 6Me bo fuu me nkurɔfoɔ,
na meguu mʼagyapadeɛ ho fi;
mede wɔn hyɛɛ wo nsa,
na woanhunu wɔn mmɔbɔ.
Nkɔkoraa koraa mpo
wosoaa wɔn kɔnnua duruduru. 7Wokaa sɛ, ‘Mɛkɔ so daa,
ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.’
Nanso woannwene saa nneɛma yi ho
na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho. 8“Afei tie, wo odwamanfoɔ,
woredwodwo wo ho wɔ wo banbɔ mu
na woka kyerɛ wo ho sɛ,
‘me ne no, na obiara nni hɔ sɛ me.
Merenyɛ okunafoɔ da
na merenni abawuo.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.