Yesaia 45:4
Isaiah 45:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
Isaiah 45:4 in English
Isaiah 45:4 · Berean Standard Bible
For the sake of Jacob My servant and Israel My chosen one, I call you by name; I have given you a title of honor, though you have not known Me.
Context
2Mɛdi wʼanim
mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;
mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu
na matwitwa dadeɛ adaban mu. 3Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo
ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam
sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade,
Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ. 4Me ɔsomfoɔ Yakob enti,
Israel a mapa no enti,
mebɔ wo din frɛ wo
na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,
ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ. 5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio;
Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho.
Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ,
nanso mɛhyɛ wo den, 6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue
kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no
nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho.
Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.