Native Bible

Isaiah 45:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.

Isaiah 45:6 in English

Isaiah 45:6 · Berean Standard Bible

so that all may know, from where the sun rises to where it sets, that there is none but Me; I am the LORD, and there is no other.

Context

4Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ. 5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den, 6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio. 7Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa. 8“Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam; momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛseɛ, na nkwagyeɛ mpue mfiri mu, na tenenee ne no nnyini; Me, Awurade na mayɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.