Native Bible

Isaiah 45:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den,

Isaiah 45:5 in English

Isaiah 45:5 · Berean Standard Bible

I am the LORD, and there is no other; there is no God but Me. I will equip you for battle, though you have not known Me,

Context

3Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ. 4Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ. 5Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den, 6sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio. 7Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.