Yesaia 45:2
Isaiah 45:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛdi wʼanim mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu na matwitwa dadeɛ adaban mu.
Isaiah 45:2 in English
Isaiah 45:2 · Berean Standard Bible
“I will go before you and level the mountains;* I will break down the gates of bronze and cut through the bars of iron.
Context
1“Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo,
Kores a wasɔ ne nsa nifa mu
sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim
na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam
na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim
sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto. 2Mɛdi wʼanim
mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa;
mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu
na matwitwa dadeɛ adaban mu. 3Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo
ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam
sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade,
Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ. 4Me ɔsomfoɔ Yakob enti,
Israel a mapa no enti,
mebɔ wo din frɛ wo
na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin,
ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.