Native Bible

Isaiah 42:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?

Isaiah 42:23 in English

Isaiah 42:23 · Berean Standard Bible

Who among you will pay attention to this? Who will listen and obey hereafter?

Context

21Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam. 22Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.” 23Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi? 24Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so. 25Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, akodie mu basabasayɛ. Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ. Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.