Native Bible

Isaiah 42:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.

Isaiah 42:24 in English

Isaiah 42:24 · Berean Standard Bible

Who gave Jacob up for spoil, and Israel to the plunderers? Was it not the LORD, against whom we have sinned? They were unwilling to walk in His ways, and they would not obey His law.

Context

22Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.” 23Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi? 24Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so. 25Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, akodie mu basabasayɛ. Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ. Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.