Native Bible

Isaiah 42:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.

Isaiah 42:21 in English

Isaiah 42:21 · Berean Standard Bible

The LORD was pleased, for the sake of His righteousness, to magnify His law and make it glorious.

Context

19Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ, na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ? Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu? Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ? 20Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.” 21Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam. 22Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.” 23Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.