Yesaia 42:19
Isaiah 42:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ, na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ? Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu? Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
Isaiah 42:19 in English
Isaiah 42:19 · Berean Standard Bible
Who is blind but My servant, or deaf like the messenger I am sending? Who is blind like My covenant partner, or blind like the servant of the LORD?
Context
17Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,
na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,
mɛpam wɔn animguaseɛ mu.” 18“Tie, wo ɔsotifoɔ;
hwɛ, wo onifirani na hunu! 19Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,
na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?
Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?
Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ? 20Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho;
Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.” 21Ɛsɔɔ Awurade ani
ne tenenee enti
sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.