Yesaia 42:17
Isaiah 42:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”
Isaiah 42:17 in English
Isaiah 42:17 · Berean Standard Bible
But those who trust in idols and say to molten images, ‘You are our gods!’ will be turned back in utter shame.
Context
15Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no
na mahye ɛso afifideɛ nyinaa.
Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ,
na mama atadeɛ awewe. 16Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so,
akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan.
Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim,
na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom.
Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ;
merennya wɔn mu. 17Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so,
na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no,
mɛpam wɔn animguaseɛ mu.” 18“Tie, wo ɔsotifoɔ;
hwɛ, wo onifirani na hunu! 19Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ,
na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ?
Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu?
Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.