Native Bible

Isaiah 42:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no na mahye ɛso afifideɛ nyinaa. Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ, na mama atadeɛ awewe.

Isaiah 42:15 in English

Isaiah 42:15 · Berean Standard Bible

I will lay waste the mountains and hills and dry up all their vegetation. I will turn the rivers into dry land * and drain the marshes.

Context

13Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie, te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim. 14“Mayɛ komm akyɛre, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no, meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so. 15Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no na mahye ɛso afifideɛ nyinaa. Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ, na mama atadeɛ awewe. 16Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so, akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom. Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennya wɔn mu. 17Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.