Yesaia 40:19
Isaiah 40:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ, na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
Isaiah 40:19 in English
Isaiah 40:19 · Berean Standard Bible
To an idol that a craftsman casts and a metalworker overlays with gold and fits with silver chains?
Context
17Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim;
ɔbu wɔn adehunu bi
a wɔnka hwee. 18Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto?
Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ? 19Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ,
na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho
na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no. 20Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no
kɔpɛ dua a ɛremporɔ.
Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ
na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ. 21Wonnim anaa?
Wonteeɛ anaa?
Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa?
Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.